Isaiah 19:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase, na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ɔseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ɔseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mede Misraimfo mɛhyɛ owura tirimmɔdenfo nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ose.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfo tumi ase, na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,” sɛnea Asafo Awurade se ni.