Isaiah 2:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akusie ne mpan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ abosonhuhuo ne wɔn sika abosonhuhuo a wɔyɛ maa wɔn ho, a wɔresom no no atwene ama nkusie ne mpan,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ abosonhuhuo ne wɔn sika abosonhuhuo a wɔyɛ maa wɔn ho, a wɔresom no no atwene ama nkusie ne mpan,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛda no nnipa bɛtow ne dwetɛ abosonhuhuw ne ne sika abosonhuhuw a wɔyɛ maa no a ɔresom no no akyene ama akisi ne mpan,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa da no, nnipa bɛtow wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akisi ne mpan.