Isaiah 2:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so, nkɔ Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.” Mmara no bɛfiri Sion aba na Awurade asɛm afiri Yerusalem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Aman bebree bɛba abɛka se, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” Mmara no befi Sion aba, na Awurade asɛm afi Yerusalem.