Isaiah 2:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ, Yakob fiefoɔ. Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na woagya wo man, Yakob fie, ɛfiri sɛ apueeɛ ntafowayifoɔ ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfoɔ sɛ Filistifoɔ, na wɔne ananafoɔ fa yɔnkoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na woagya wo man, Yakob fie, ɛfiri sɛ apueeɛ ntafowayifoɔ ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfoɔ sɛ Filistifoɔ, na wɔne ananafoɔ fa yɔnkoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na woagyaw wo man, O Yakob fi, efisɛ apuei ntafowayifo ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfo, sɛ Filistifo, na wɔne ananafo fa ayɔnko.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, woagyaw wo nkurɔfo, Yakob fifo. Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.