Isaiah 21:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Ɛha afe sɛ ɔpaani mfeɛ teɛ no, na Kedar animuonyam nyinaa asa koraa,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Ɛha afe sɛ ɔpaani mfeɛ teɛ no, na Kedar animuonyam nyinaa asa koraa,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea Awurade ka kyerɛɛ me ni: Ɛha afe, sɛ ɔpaani mfe te no, na Kedar anuonyam nyinaa asa koraa,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa.