Isaiah 24:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ, “Animuonyam nka Ɔteneneeni no.” Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba! Me nnue! Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ! Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ: Animuonyam nka Ɔteneneeni no. Na mese: Meresa, meresa, mennue! Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ: Animuonyam nka Ɔteneneeni no. Na mese: Meresa, meresa, mennue! Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yɛte ayeyi nnwom a efi asase ano sɛ: Anuonyam nka ɔtreneeni no. Na mise: Meresa, meresa, minnue! Atorofo retwa atoro, ampa ara atorofo retwa atoro pii.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yɛte nnwonto fi asase ano yɛte se, “Anuonyam nka Ɔtreneeni no.” Nanso mekae se, “Matɔ beraw, mapa abaw! Minnue! Ɔfatwafo di huammɔ! Ɔnam nnaadaa so di huammɔ.”