Isaiah 3:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade. Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase, ɛfiri sɛ wɔn kasa ne wɔn nneyɛɛ ne AWURADE di asie, sɛ wɔbɛte n’animuonyam anim atua.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase, ɛfiri sɛ wɔn kasa ne wɔn nneyɛɛ ne AWURADE di asie, sɛ wɔbɛte n’animuonyam anim atua.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yerusalem adwiriw, na Yuda ahwe ase, efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe ne AWURADE di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛe tia Awurade. Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no.