Isaiah 30:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo. Ɛbɛyam pasaa a esini koraa renka a wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me bobɔ te sɛ ɔnwomfoɔ ahina a wɔdwerɛ no dwerɛbee a ebi nka na wɔnnya n’asinasini mu kyɛmferɛ a wɔde bɛtu bukyia mu gya anaasɛ wɔde bɛsa abura mu nsuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me bobɔ te sɛ ɔnwomfoɔ ahina a wɔdwerɛ no dwerɛbee a ebi nka na wɔnnya n’asinasini mu kyɛmferɛ a wɔde bɛtu bukyia mu gya anaasɛ wɔde bɛsa abura mu nsuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbɛbɔ ɔman no sɛ ɔnwemfo ahina a wɔdwerɛw no dwerɛbee a ebi nka, na wonnya n’asinasin mu fɛre a wɔde betu muka mu gya anaasɛ wɔde bɛsaw abura mu nsu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ebebubu nketenkete ayɛ sɛ kuku. Ɛbɛyam pasaa a, sin koraa renka a wobetumi de asɔ gya afi muka mu anaa wɔde bɛsaw nsu afi ahina mu.”