Isaiah 30:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE bɛma mo ahohia mu aduane ne ahodwan mu nsuo deɛ, nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ remfa ne ho nsie bio, na mmom w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE bɛma mo ahohia mu aduane ne ahodwan mu nsuo deɛ, nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ remfa ne ho nsie bio, na mmom w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛwom sɛ Awurade bɛma mo ahohia mu aduan ne ahoguan mu nsu de, nanso w’akyerɛkyerɛfo remfa wɔn ho nhintaw bio, na mmom w’aniwa behu w’akyerɛkyerɛfo no;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduan ne ɔhaw sɛ nsu de, nanso, afei mubehu Awurade, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.