Isaiah 33:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mo a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mayɛ, na mo a mobɛn, monhunu me mmaninyɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mo a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mayɛ, na mo a mobɛn, monhunu me mmaninyɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mo a mowɔ akyirikyiri, muntie nea mayɛ, na mo a mobɛn, munhu me mmaninyɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mo a mowɔ akyirikyiri no, muntie nea mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!