Isaiah 33:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani bɛhunu Yerusalem, asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu; wɔrentutu ne mpɛɛwa da, na wɔrentete ne ntampehoma mu nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuro no! W’ani bɛhunu Yerusalem, efie a ɛyɛ komm, ntomadan a ɛntwe nkorɔ a wɔrentutu ne mpɛɛwa da biara da na ne ntampehoma biara renteteɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuro no! W’ani bɛhunu Yerusalem, efie a ɛyɛ komm, ntomadan a ɛntwe nkorɔ a wɔrentutu ne mpɛɛwa da biara da na ne ntampehoma biara renteteɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no, w’aniwa behu Yerusalem, ofi a ɛyɛ komm, ntamadan a entwiw nkɔ a wɔrentutu ne mmofunnua da biara da na ne ntampehama biara rentetew no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani behu Yerusalem, asomdwoe tenabea, ntamadan a wontutu; wɔrentutu ne nnyinaso da, na wɔrentetew ne ntampehama mu nso.