Isaiah 33:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wo ntampehoma mu ago enti ɛhyɛn dua no nnyina hɔ yie, na wɔntrɛɛ ɛhyɛn so ntoma no mu. Afei wɔbɛkyɛ asadeɛ bebree no mu na mpakye mpo bɛsoa afodeɛ akɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wo ntampehoma mu ago, ɛntumi nsosɔ ne hyɛn dua mu, na ɛntrɛ hyɛn ntoma mu. Ɛno na wɔbɛkyɛ asadeɛ a wɔafa no bebree mu, mpakye mpo bɛfom adeɛ afa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wo ntampehoma mu ago, ɛntumi nsosɔ ne hyɛn dua mu, na ɛntrɛ hyɛn ntoma mu. Ɛno na wɔbɛkyɛ asadeɛ a wɔafa no bebree mu, mpakye mpo bɛfom adeɛ afa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wo ntampehama mu agow, entumi nsuso ne hyɛn dua mu, na ɛntrɛw hyɛn ntama mu. Ɛno na wɔbɛkyɛ asade a wɔafa no bebree mu, mpakye po bɛfow ade.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wo ntampehama mu agow enti hyɛn dua no nni nnyinaso, na wɔntrɛw hyɛn so ntama no mu. Afei wɔbɛkyɛ asade bebree no mu na mpakye mpo bɛsoa asade akɔ.