Isaiah 33:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obiara nni Sion a ɔbɛka sɛ, “Meyare”; na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obiara nni Sion a ɔbɛka se, “Meyare;” na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.