Isaiah 34:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nkasɛɛ bɛgye nʼabankɛsewa afa, nsansono ne nkasɛɛ bɛfu wɔ nʼabankɛsewa hɔ. Ɛhɔ bɛyɛ adompo atuo, ne apatuo tenabea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nkasɛɛ bɛfu n’aban afɛfɛ mu, na nsansono ne hwerɛmo afu n’abandenden mu, na ayɛ ɛserɛ so kraman tenabea ne nsohori adidibea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nkasɛɛ bɛfu n’aban afɛfɛ mu, na nsansono ne hwerɛmo afu n’abandenden mu, na ayɛ ɛserɛ so kraman tenabea ne nsohori adidibea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nsɔe befuw n’aban afɛfɛ mu, na ahyehyensa ne nkraadua afuw n’abandennen mu, na ayɛ sakraman tenabea ne nsohori adidibea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nsɔe begye nʼabankɛse afa, nsansono ne nsɔe befuw wɔ nʼabankɛse hɔ. Hɔ bɛyɛ adompo atu, ne mpatu tenabea.