Isaiah 35:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ. Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ, na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba, na wɔde nnwontoɔ aba Sion; na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba, na wɔde nnwontoɔ aba Sion; na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn a AWURADE apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba. Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion; anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw. Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso, na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.