Isaiah 35:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam. Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so, na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom, na nsuo bɛtue ɛserɛ so, na nsuwansuwa asene anwea paradada so;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom, na nsuo bɛtue ɛserɛ so, na nsuwansuwa asene anwea pradada so;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato ahurusi dwom, na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anwea pradada so;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu. Nsu betue wɔ sare so, na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so.