Isaiah 36:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔhyiaa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna, Asaf ba Ɔsɛnkafoɔ Yoa firii adi kɔɔ ne nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna, Asaf ba Ɔsɛnkafoɔ Yoa firii adi kɔɔ ne nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf ba ɔsɛnkaefo Yoa, fii adi kɔɔ ne nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so; Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kohyiaa no.