Isaiah 36:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei, wo ne me wura, Asiriahene, nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpemmienu, sɛ wobɛtumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei, wo ne me wura, Asiriahene, nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpemmienu, sɛ wobɛtumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei, wo ne me wura, Asaria hene, nto nkyia ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpennu, kyerɛ sɛ wubetumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.