Isaiah 37:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho: “Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu na ɔrento bɛmma wɔ ha. Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi na ɔrensi otua pie ntia no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛdeɛ AWURADE ka no Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre epie ntia no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛdeɛ AWURADE ka no Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre epie ntia no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ AWURADE ka Asaria hene ho ni: Ɔremma kurow yi mu, na ɔrentow agyan mma ha, na ɔremfa ɔkyɛm mmehyia no, na ɔrenhɔre pempe nhyɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Eyi ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho: “Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu na ɔrentow bɛmma wɔ ha. Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi na ɔrensi pie ntua nʼano.