Isaiah 37:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, me na mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate asɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano, n’asase so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, me na mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate asɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano, n’asase so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, me na mede honhom bi mɛhyɛ ne mu, na wate asɛm bi, na wasan akɔ n’asase so, na mama watɔ nkrante ano, n’asase so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’ ”