Isaiah 38:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛdeɛn na mɛtumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei. Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyera yi enti.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Menka sɛn? Waka akyerɛ me na ɔno ara ayɛ. Me nna nyinaa afiri m’ani so, me kra awerɛhoɔ no nti.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Menka sɛn? Waka akyerɛ me na ɔno ara ayɛ. Me nna nyinaa afiri m’ani so, me kra awerɛhoɔ no nti.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Dɛn na menka? Wakasa akyerɛ me na wayɛ. M’ani asare dwe, me kra awerɛhow no nti.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na dɛn na metumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ eyi. Mede ahobrɛase bɛnantew mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyeraw yi nti.
Recommended Reading