Isaiah 38:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti na mekɔɔ saa ahoyera yi mu. Wo dɔ enti, wode me sieeɛ na mankɔ ɔsɛe amena mu; na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, sɛ na m’asomdwoe nti, na wo na woayi me kra afi ɔsɛe amoa mu de afam wo ho, efisɛ wotow me bɔne nyinaa guu w’akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yiw, ɛyɛ me yiyeyɛ nti na mekɔɔ saa ahoyeraw yi mu. Wo dɔ nti, wode me siei na mankɔ ɔsɛe amoa mu; na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.