Isaiah 38:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’ ” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, merebɛsane owia dɔn so sunsum a owia ma no sianee Ahas owia dɔn soɔ no mama no akɔ akyire nkyekyɛmu du. Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, merebɛsane owia dɔn so sunsum a owia ma no sianee Ahas owia dɔn soɔ no mama no akɔ akyire nkyekyɛmu du. Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, merebɛsan owia dɔn so sunsuma a owia ma esianee Ahas owia dɔn so no mama akɔ akyiri nkyekyɛmu du. Na owia san n’akyi owia dɔn no so nkyekyem du a asian dedaw no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma owia ano sunsuma atwe akɔ nʼakyi anammɔn du wɔ Ahas antweri so.’ ” Ɛno nti, owiahyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn du.