Isaiah 39:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Odiyifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahu no wo fie? Na Hesekia se: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu, biribiara nni m’adekoradan mu a mamfa mankyerɛ wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahu no wo fie? Na Hesekia se: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu, biribiara nni m’adekoradan mu a mamfa mankyerɛ wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkae sɛ: Dɛn na wɔahu wɔ wo fi? Na Hesekia se: Nea ɛwɔ me fi nyinaa, wɔahu, biribi nni m’adekora adan mu a mamfa mankyerɛ wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Odiyifo no bisae se, “Dɛn na wohuu wɔ wʼahemfi hɔ?” Hesekia buae se, “Wohuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfi ha. Biribiara nni mʼademude mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”