Isaiah 40:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Awurade yɛ daapem Onyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera, na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Adɛn wonhunui? Adɛn wonteeɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase awieeɛ no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa aba; ne nhunumu mu nni ahwehwɛeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Adɛn wonhunui? Adɛn wonteeɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase awieeɛ no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa aba; ne nhunumu mu nni ahwehwɛeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So wunhui? So wontee ɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn Ɔno na ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw; na ne nhumu mu nni ahwehwɛye.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wunnim ana? Wontee ana? Awurade yɛ daapem Nyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw, na ne nhumu nni nhwehwɛmu.