Isaiah 41:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn, sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba. Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔmfa mpinkyɛ mmɛkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba. Monkyerɛ yɛn akane nnoɔma no sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛnnwene ho nhunu n’awieeɛ, anaa deɛ ɛbɛba no, momma yɛnte.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔmfa mpinkyɛ mmɛkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba. Monkyerɛ yɛn akane nnoɔma no sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛnnwene ho nhunu n’awieeɛ, anaa deɛ ɛbɛba no, momma yɛnte.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔmfa mmra mmɛkyerɛ yɛn nea ɛbɛba. Monkyerɛ yɛn kan nneɛma no, sɛ ɛte, na yennwen ho nhu n’awiei, anaa nea ɛbɛba no, momma yɛnte.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka nea ebesi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛnea na kan nneɛma no te nkyerɛ yɛn, sɛnea yebedwen ho afa na yɛahu nea ebefi mu aba. Anaasɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ebesi nkyerɛ yɛn.