Isaiah 42:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ, na ɔde Israel maa afomfoɔ? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwan na ɔde Yakob maa adwotwa, na ɔde Israel maa afomfafoɔ? Ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne no, na wɔampɛ sɛ wɔnante n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwan na ɔde Yakob maa adwotwa, na ɔde Israel maa afomfafoɔ? Ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne no, na wɔampɛ sɛ wɔnante n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hena na ɔde Yakob maa ɔfom, na ɔde Israel maa afowfo? So ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne, na wɔampɛ sɛ wɔnantew n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hena na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ akorɔnne, na ɔde Israel maa afowfo? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Efisɛ wɔannantew nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so.