Isaiah 44:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ yei. Mommɔ ose, Ao, asase ase. Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ, mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase nohoa, mommɔ ose, mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ, O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase nohoa, mommɔ ose, mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ, O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔsoro, monto anigye dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase ase noho, mommɔ ose, mompaepae ahurusi dwom mu, mmepɔw, kwae ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho anuonyam, Israel mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Momfa ahosɛpɛw nto dwom, ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ eyi. Mommɔ ose, asase ase. Momma nnwonto so, mo mmepɔw, mo kwae ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanuonyam adi wɔ Israel.