Isaiah 44:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obi bɛka sɛ, ‘Meyɛ Awurade dea’; ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho sɛ Yakob; bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ, ‘ Awurade dea,’ na wafa edin Israel.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Oyi bɛse sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ: AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Oyi bɛse sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ: AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Oyi bese sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛkyerɛw ne nsa ho sɛ ɔyɛ AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obi bɛka se, ‘Meyɛ Awurade de’; ɔfoforo bɛfrɛ ne ho se Yakob; afoforo bɛkɔ so akyerɛw wɔn nsa ho se, ‘ Awurade de,’ na wɔafa din Israel.