Isaiah 45:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sei na Awurade seɛ: “Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus, ne Sebafoɔ atentene no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka sɛ, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE seɛ nie: Misraim adwumadeɛ ne Etiopia adwadeɛ a wɔnyaeɛ, ne Sebafoɔ, mmarima atentene no, bɛsene aba wo nkyɛn ne wo abɛtena, wɔbɛdi w’akyi; nkyehoma mu na wɔbɛsene aba, abɛsɔre woɔ, na wɔabɔ wo mpaeɛ sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni baabi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE seɛ nie: Misraim adwumadeɛ ne Etiopia adwadeɛ a wɔnyaeɛ, ne Sebafoɔ, mmarima atentene no, bɛsene aba wo nkyɛn ne wo abɛtena, wɔbɛdi w’akyi; nkyehoma mu na wɔbɛsene aba, abɛsɔre woɔ, na wɔabɔ wo mpaeɛ sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni baabi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE se ni: Misraim adwumade ne Etiopia aguade a wonyae, ne Sebafo, mmarima atenten no, bɛsen aba wo nkyɛn abɛyɛ wo de. Wobedi w’akyi; nkyehama mu na wɔbɛsen aba abɛsɔre wo, na wɔabɔ wo mpae sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni baabi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛɛ na Awurade se: “Nneɛma a efi Misraim ne aguade a efi Kus, ne Sebafo atenten no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wobedi wʼakyi brɛoo aba a wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wobebu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka se, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na obi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’ ”