Isaiah 47:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia; ogya bɛhye wɔn. Na wɔntumi nnye wɔn ankasa ho mfiri egyadɛreɛ ano den no ho. Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye; ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, wɔayɛ sɛ ɛserɛdwaneɛ, ogya ahye wɔn, wɔrentumi nnye wɔn kra mfiri gyaframa no nsam; ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho, anaasɛ ogya a wɔtena ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, wɔayɛ sɛ ɛserɛdwaneɛ, ogya ahye wɔn, wɔrentumi nnye wɔn kra mfiri gyaframa no nsam; ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho, anaasɛ ogya a wɔtena ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, wɔayɛ sɛ sare a awo, ogya ahyew wɔn, wɔrentumi nnye wɔn kra mfi gyaframa nsam; ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho, anaasɛ ogya a wɔtena ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nokwarem, wɔte sɛ gyentia; ogya bɛhyew wɔn. Na wontumi nnye wɔn ankasa ho mfi ogyaframa anoden no ho. Nnyansramma biara nni ha a ɛbɛka obiara hyew; ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.