Isaiah 48:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Montie yei, Ao, Yakob fiefoɔ mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefoɔ, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu;
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Montie yei, O Yakob fie, mo a wɔde Israel din ato mo na mofiri Yuda asene mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Montie yei, O Yakob fie, mo a wɔde Israel din ato mo na mofiri Yuda asene mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Muntie eyi, Yakob fi, mo a wɔde Israel din afrɛ mo na mufi Yuda asen mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokware anaa trenee mu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Muntie eyi, Yakobfifo mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefo, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Nyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu,