Isaiah 49:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn. Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsutire ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn, na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn, na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn, na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn, na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na ɔhyew ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; nweatam so hyew ne owia ano hyew renka wɔn, nea ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsuaniwa ho.