Isaiah 49:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ, ‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini; wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me. Hwan na ɔtetee yeinom? Wɔgyaa me nko ara na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wobɛka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini, wɔtuu me kɔe, na wɔsunsum me; na yeinom deɛ, hwan na ɔyɛnee wɔn? Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko, ɛno mu no na yeinom wɔ he?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wobɛka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini, wɔtuu me kɔe, na wɔsunsum me; na yeinom deɛ, hwan na ɔyɛnee wɔn? Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko, ɛno mu no na yeinom wɔ he?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wobɛka wo koma mu sɛ: Hena na ɔwoo eyinom maa me? Na me de, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonin, wotuu me kɔe, na wosunsum me; na eyinom de, hena na ɔyɛn wɔn? Hwɛ, me de, ɛkaa me nko, na afei ɛhe na eyinom fi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wobɛka wɔ wo koma mu se, ‘Hena na ɔwoo eyinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhowni ne obonin; wotuu me kɔɔ asase foforo so na wɔpoo me. Hena na ɔtetew eyinom? Wogyaw me nko ara na eyinom, he na wofi bae?’ ”