Isaiah 49:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso mede me ho ato Awurade so na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me deɛ, mekaa sɛ: Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhudeɛ, nanso m’atemmuo wɔ AWURADE nkyɛn, na m’adwuma so adeɛ wɔ me Nyankopɔn nsam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me deɛ, mekaa sɛ: Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhudeɛ, nanso m’atemmuo wɔ AWURADE nkyɛn, na m’adwuma so adeɛ wɔ me Nyankopɔn nsam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me de, mekae sɛ: Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhude, nanso m’atemmu wɔ AWURADE nkyɛn, na m’adwuma so ade wɔ me Nyankopɔn nsam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso mekae se, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso nea ɛwɔ me wɔ Awurade nsam na mʼakatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”