Isaiah 5:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ na ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no, saa ara na mo nhini bɛporɔ, na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo; ɛfiri sɛ moapo Asafo Awurade mmara na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no, saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ, na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara, na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no, saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ, na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara, na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti, sɛ ogyaframa hyew sakran na ogya framfram hyew wura guanguan no, saa ara nso na wɔn ntini bɛporɔw, na wɔn nhwiren betu akɔ sɛ otutuw, efisɛ wɔapa asafo AWURADE mmara, na wɔatew Israel kronkronni no asɛm ahi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti sɛnea ogyaframa hyew nwuraguanee na sare a awo yera wɔ ogyaframa mu no, saa ara na mo ntin bɛporɔw, na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfutuma; efisɛ moapo Asafo Awurade mmara na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.