Isaiah 52:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye team. Sɛ Awurade sane ba Sion a, wɔde wɔn ani bɛhunu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Tie! w’awɛmfoɔ bom ma wɔn nne so to ahurisie dwom; ɛfiri sɛ wɔn ani tua AWURADE sɛ ɔresane aba Sion.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Tie! w’awɛmfoɔ bom ma wɔn nne so to ahurisie dwom; ɛfiri sɛ wɔn ani tua AWURADE sɛ ɔresane aba Sion.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Tie! W’awɛmfo bom ma wɔn nne so wɔde ahurusi bom to dwom; efisɛ wɔn ani tua sɛ AWURADE resan aba Sion.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Muntie! Mo awɛmfo ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye teɛ mu. Sɛ Awurade san ba Sion a, wɔde wɔn ani behu.