Isaiah 54:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mmepɔ woso, na nkokoɔ tutu a, me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim na mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,” sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mmepɔ bɛtwe akɔ na nkokoɔ atutu, na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so, na m’asomdwoeɛ apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mmepɔ bɛtwe akɔ na nkokoɔ atutu, na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so, na m’asomdwoeɛ apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mmepɔw betwiw akɔ na nkoko atutu, na m’adɔe de, ɛrentwe mfi wo so, na m’asomdwoe apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma wo no na ose.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mmepɔw wosow, na nkoko tutu a, me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim na mʼasomdwoe apam no rentwa mu,” sɛɛ na Awurade a ɔwɔ ahummɔbɔ ma mo no se.