Isaiah 54:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ, mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo, na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ, hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu, na mede hoa aboɔ mato wo fapem,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ, hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu, na mede hoa aboɔ mato wo fapem,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
O Mmɔboroni a ahum bɔɔ wo a wɔnkyekyee wo werɛ ɛ, hwɛ, me ara mede w’abo mɛtoto ntɔnkadubiri mu, na mede hoa abo mato wo nhyɛase,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ ɛ, mede abo anintɔnka besiesie wo, na mede aboɔdemmo bibiri ayɛ wo fapem.