Isaiah 54:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade bɛsane afrɛ wo te sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu, ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ mu na wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE afrɛ wo sɛ ɔbaa a wɔagyaa no na ɔredi honhom mu yea, sɛ mmeranteberɛ mu yerɛ a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ɔseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE afrɛ wo sɛ ɔbaa a wɔagyaa no na ɔredi honhom mu yea, sɛ mmeranteberɛ mu yerɛ a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ɔseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE afrɛ wo sɛ ɔbea a wɔagyaw no na ɔredi honhom mu yaw, sɛ mmerantebere mu yere a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ose.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade bɛsan afrɛ wo te sɛ ɔyere a woagyaa no na odi yaw wɔ ne koma mu, ɔyere a ɔwaree mmabaabere mu na wogyaa no mpofirim,” wo Nyankopɔn na ose.