Isaiah 54:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Megyaa wo berɛ tiawa bi mu, nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Megyaa wo ɛberɛ tiawa bi, nanso ayamhyehyeɛ kɛseɛ na mede bɛboa w’ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Megyaa wo ɛberɛ tiawa bi, nanso ayamhyehyeɛ kɛseɛ na mede bɛboa w’ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Migyaw wo kakraa bi ketewa sɛ, nanso ayamhyehye kɛse na mede mɛboa w’ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Migyaw wo bere tiaa bi mu, nanso mifi ayamhyehye a mu dɔ mu bɛsan de wo aba.