Isaiah 55:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan ho na ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho. Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ, ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ma omumɔyɛfo ntwe ne ho mfi nʼakwan ho na ɔbɔnefo nso mfi ne nsusuwii ho. Ma ɔnnan nkɔ Awurade nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ, ɔnnan nkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.