Isaiah 58:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a, ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wode deɛ wo kra pɛ ma deɛ ɛkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔborɔ no mee a, ɛno deɛ wo hann bɛpue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wode deɛ wo kra pɛ ma deɛ ɛkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔborɔ no mee a, ɛno deɛ wo hann bɛpue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wode nea wo kra pɛ ma nea ɔkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔbɔ no mee a, ɛno de wo hann bepue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na sɛ mohaw mo ho ma wɔn a ɔkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nea ehia wɔn a, ɛno de, mo akanea bɛhyerɛn wɔ sum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinae.