Isaiah 59:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani. Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ; yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yɛkeka ɔfasuo ho sɛ anifirafoɔ, na yɛkeka sɛ wɔn a wɔnni ani; yɛsunti awia ketee sɛ kusuu mu, yɛhinhim ahoɔdenfoɔ mu sɛ awufoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yɛkeka ɔfasuo ho sɛ anifirafoɔ, na yɛkeka sɛ wɔn a wɔnni ani; yɛsunti awia ketee sɛ kusuu mu, yɛhinhim ahoɔdenfoɔ mu sɛ awufoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yɛkeka ɔfasu ho sɛ anifuraefo, na yenyamae sɛ wɔn a wonni aniwa; yehintiw awia ketee sɛ kusuu mu, yehinhim ahoɔdenfo mu sɛ awufo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Te sɛ anifuraefo no, yɛkeka wɔ afasu ho hwehwɛ ɔkwan te sɛ nnipa a wonni ani. Owigyinae no yehintihintiw sɛnea onwini adwo; yedu ahoɔdenfo mu a yɛte sɛ awufo.