Isaiah 59:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ohunuu sɛ obiara nni hɔ. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no, na ne tenenee wowaa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne tenenee wowaa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne tenenee wowaa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ohui sɛ obiara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ɔkamafo bi nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne trenee wowaw no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ohuu sɛ obiara nni hɔ, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagye ho dwuma maa no, na ne trenee wowaw no.