Isaiah 59:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Medeɛ yei yɛ me ne wɔn apam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom remfiri mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefoɔ anom, ɛfiri saa ɛberɛ yi kɔsi daa apem,” sei na Awurade seɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me deɛ, yei ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ɔseɛ: Me honhom a ɛwɔ wo soɔ no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anomu no, ɛremfiri w’anomu ne w’asefoɔ anomu ne w’asefoɔ asefoɔ anomu, AWURADE na ɔseɛ, ɛfiri sesɛɛ de bɛkɔ akɔsi daa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me deɛ, yei ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ɔseɛ: Me honhom a ɛwɔ wo soɔ no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anomu no, ɛremfiri w’anomu ne w’asefoɔ anomu ne w’asefoɔ asefoɔ anomu, AWURADE na ɔseɛ, ɛfiri sesɛɛ de bɛkɔ akɔsi daa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me de, eyi ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ose: Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, AWURADE na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Me de, eyi yɛ me ne wɔn apam,” sɛnea Awurade se ni. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem,” sɛɛ na Awurade se.