Isaiah 6:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa sɛ, “Hwan na mensoma no? Na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Na mekaa sɛ, “Me nie. Soma me!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na metee AWURADE nne sɛ ɔse: Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mese: Meni, soma me!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na metee AWURADE nne sɛ ɔse: Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mese: Meni, soma me!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na metee Awurade nne sɛ ose: Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mise: Mini, soma me!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa se, “Hena na mensoma no? Na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Na mekae se, “Mini. Soma me!”