Isaiah 60:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede sikakɔkɔɔ bɛsi kɔbere anan mu abrɛ wo, na dwetɛ asi dadeɛ anan mu. Mede kɔbere bɛsi dua anan mu abrɛ wo, na dadeɛ asi aboɔ anan mu. Mede asomdwoeɛ bɛyɛ wo so amrado na tenenee ayɛ wo sodifoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Kɔbere ananmu na mede sika bɛsi maba, na dadeɛ ananmu na mede dwetɛ bɛsi maba, na kɔbere mfrafraeɛ asi nnua ananmu, na dadeɛ asi aboɔ ananmu. Na mɛma asomdwoeɛ adi wo so panin ahwɛ wo, na mede tenenee mayɛ wo kafoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Kɔbere ananmu na mede sika bɛsi maba, na dadeɛ ananmu na mede dwetɛ bɛsi maba, na kɔbere mfrafraeɛ asi nnua ananmu, na dadeɛ asi aboɔ ananmu. Na mɛma asomdwoeɛ adi wo so panin ahwɛ wo, na mede tenenee mayɛ wo kafoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi maba, na kɔbere asi nnua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kafo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede sikakɔkɔɔ besi kɔbere anan mu abrɛ wo, na dwetɛ asi dade anan mu. Mede kɔbere besi dua anan mu abrɛ wo, na dade asi abo anan mu. Mede asomdwoe bɛyɛ wo so amrado na trenee ayɛ wo sodifo.