Isaiah 60:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio na ɔsrane hann renhyerɛn wo so, ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsrane na ɛbɛharan ama wo anadwo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’animuonyam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsrane na ɛbɛharan ama wo anadwo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’animuonyam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsram na ɛbɛharan ama wo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’anuonyam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Owia renyɛ wo hann adekyee mu bio na ɔsram hann renhyerɛn wo so, efisɛ Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wo Nyankopɔn bɛyɛ wo anuonyam.