Isaiah 60:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ampa ara nsupɔ no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wɔdi anim, wɔde wo mmammarima fifiri akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Onyankopɔn animuonyam, Israel Kronkronni No, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yiw, mpoano aman bɛtwɛn me, Tarsis ahyɛn na ebedi kan, na wɔde wo mma fi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel kronkronni no, efisɛ ɔno na wahyɛ wo anuonyam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ampa ara asupɔw no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wodi anim, wɔde wo mmabarima fifi akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Nyankopɔn anuonyam, Israel Kronkronni No, efisɛ wahyɛ wo anuonyam.